Maame
From Wikipedia, the free encyclopedia
Maamɛ ye ɔbaa a ɔwɔ ba. Maame yɛ mmaa wɔne wɔn wɔ twaka bi, a wɔbɛtumi ayɛ wɔn ba anaasɛ ɛnyɛ wɔn ba. Ɛne sɛ, sɛ yɛgyina saa asɛm yi so a, mmaa bɛtumi ayɛ obi a ɔbɛtumi awo, a ɔtete ne ba (mma), anaasɛ n'awieeɛ tumi firi mma. Saa tebea yi na ɛma obi yɛ maame. Maame a ɔda saa nkyekyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ"ɔbaa a ɔwo" anaasɛ "maame a ɔwɔ ɔno ara mma", ɛmfa ho sɛ oniakorɔ no hwɛ ne mma no anaasɛ ɔhwɛ. Ɔbaa a ɔgyina tebea a ɛtɔ so mmienu bɛtumi ayɛ maame a ɔkɔgye mmɔfra firi afoforɔ hɔ, na na wɔn a wɔgyina hɔ ma nea ɛdikan ne nea ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ "surrogacy mother". Maame a ɔte mmɔfra yɛ ɔbaa a ɔyɛ mmɔfra bi awofoɔ nanso kɔtee wɔn. Maame a ɔyɛ mmɔfra bi na yɛ ɔbaa a ɔno ankasa na ɔwoo mmɔfra no na hyia a ɔne obi hyia mu. Maame a ɔwoo mmɔfra no bɛtumi anya asɛdeɛ wɔ mmɔfra a ɛnyɛ ɔno na ɔtetee wɔn, ɛbi te sɛ ɔboa wɔn wɔ sika fam. Putative mother yɛ ɔbaa bi a ayɔnkofa a ɛda ɔne abɔfra bi ntam no wɔ nnyinasoɔ nanso yɛnhunu mu nokware. Maame a ɔyɛ abanoma bi na yɛ ɔbaa bi a waware abɔfra bi agya na wayɛ abusua, nanso ɔnyɛ n'asɛdeɛ sɛ awofoɔ ma abɔfra no. Nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ maame asɛdeɛ no nyɛ adeɛ a ɛwɔ baabiara, na maame nkyerɛkyerɛmu bɛtumi asesa ɛgyina sɛdeɛ yɛn mpɔtam, amammerɛ ne ɔsom bɛkyerɛ mu. Yɛwɔ edin ne tebea bi ma mmarima: wɔn a wɔyɛ agya no nyɛ ɛna asɛdeɛ. Mmaa ne mmarima nyɛ wɔn a wawo a wɔhwɛ mma.Wɔbɛtumi afrɛ mmaa a wɔyem sɛ obi a ɔbɛyɛ maame anaasɛ ɛna, ɛwɔm sɛ wɔmfa saa edin no mma agya anaasɛ obi a wakɔte abɔfra.[1][2] Wɔfrɛ ɛkwan a obi fa so yɛ maame no "matrescence".[3] Edin nkyerɛkyerɛmu "maternal" kyerɛ maame na "paternal" kyerɛ agya. Adeyɛ "to mother" kyerɛ sɛ wo wo anaasɛ wohwɛ abɔfra so, ɛno na yɛnya firii edin "mothering" mu.[4]Edin ahodoɔ a ɛne no sɛ no bi nemom (mama, mommy), mum (mummy), mumsy, mamacita (ma, mam) ne mammy. Ɔbaa a mmɔfra bɛtumi de wɔn ho ato no so no wɔfrɛ no obi a ɔwɔ ɛna su "mother-figure".
- Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu