Wiemuhyɛn Gyinabea
From Wikipedia, the free encyclopedia
Wiemuhyɛn Gyinabea pronounciation of "Wiemuhyɛn Gyinabea" (help·info) yɛ bea nipa akwanfufoɔ ne nneɛma foro Wiemuhyɛn.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sɛ yɛka sɛ Wiemuhyɛn Gyinabea a na ɛkyerɛ aerodrome wɔ borɔfo kasa mu a, ɛwɔ adan ne afaafa ahodoɔ beberee, ɛbinom wɔ hɔ a yɛde ma akwantufoɔ a wɔrefa wiemuhyɛn de atu kwan.[1][2] Wiemuhyɛn Gyinabea biara wɔ nnoɔma ahodoɔ bi a ɛboa ne dwumadie bi te sɛ baabi a Wiemuhyɛn no tumi Gyina, ɛna ɛsane nso wɔ biribi a yɛfrɛ no sɛ a control tower. Wiemuhyɛn Gyinabea biara nso yɛ baabi a sɛ wiemhyɛn bi firi soro reba fom a ɛdi kan kɔsi hɔ ansa na abɛgyina, a mpɛmpii no ɛyɛ kwan a wogyina so a wohunu wanim ntentensoɔ a, ɛhɔ na sɛ wiemhyɛn no rebɛtu akɔ soro foforɔ[3] anaa sɛ ɛfiri soro nso rebɛsi fam nso a wɔfa anaa biribi a yɛfrɛ no sɛ helipad[4], na berɛ biara no control towers, hangars[5] ne terminals ahodoɔ no nyinaa benbɛn no. Wiemhyɛn akɛseakɛseɛ no nyinaa wɔ biribi a yɛfrɛ no sɛ airport aprons, taxiway bridges, air traffic control centres, passenger facilities bi te sɛ baabi a yɛdidi (restaurants) ɛne baabi a akwantufoɔ tena gye wɔn ahome (lounges),[6] ɛna emergency services ahodoɔ[7]. wɔ aman ahodoɔ bi so, titirew ne US man no, wɔn wiemhyɛn gyinabea ahodoɔ no nyinaa wɔ biribi a yɛfrɛ no sɛ fixed-base operators baako anaa deɛ ɛboro saa, a ne dwumadie ne sɛ "serving general aviation".[8]