Wiase Nyinaa Wɛbsaet ( World Wide Web; WWW )
From Wikipedia, the free encyclopedia
Wiase Nyinaa Wɛbsaet (WWW), a wɔtaa frɛ no Wɛbsaet no yɛ nsɛm ho nhyehyɛe a ɛma wotumi de nsɛm kyɛ wɔ Intanɛt so. Wɔayɛ no akwan a ɛyɛ mmerɛw so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔde di dwuma no ani agye asen IT ho abenfo ne wɔn a wɔn ani gye ho dada mpo. Ɛsan nso boa ma wɔn nsa ka nkrataa ne wɛbsaet nneɛma afoforo a ɛwɔ Intanɛt so denam mmara pɔtee bi a wɔfrɛ no Hypertext Transfer Protocol (HTTP).[1]
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
subclass of | service on Internet, digital media |
---|---|
inception | 12 Ɔbɛnem 1989 |
short name | WWW, TTT |
public domain date | 30 Oforisuo 1993 |
influenced by | ENQUIRE, The Interactive Encyclopedia System, HyperCard |
significant event | 30th anniversary of the World Wide Web |
has effect | decline of newspapers |
discoverer or inventor | Tim Berners-Lee, Robert Cailliau |
time of discovery or invention | 1990 |
history of topic | history of the World Wide Web |
ACM Classification Code (2012) | 10003260 |
Stack Exchange tag | https://stackoverflow.com/tags/web |
Wɔnam wɛb server so tumi ma wɔtwe nkrataa ne nsɛm afoforɔ kɔ netwɛk bi so na afei nso wɔnam program ahoroɔ te sɛ wɛb brawsa so tumi bue kɔ mu. Wɔnam nkyerɛwde nhama a wɔfrɛ no uniform resource locators (URLs) so na ɛhyɛ server biara nso; sɛnea ɛte ne beaɛ a ɛwɔ.[2]
Sɛnea netwɛk so nkrataa te firi kane bɛsi nnɛ no nsesaɛ pii esiane sɛ nkurɔfoɔ pii da so ara de a Mfitiaseɛ na ɛda so ara de wɛb krataafa a wɔahyehyɛ no Hypertext Markup Language (HTML) mu no da so yɛ adwuma.[3] Saa kasa a wɔde hyɛ agyirae yi boa ma wɔde nsɛm a ɛnyɛ den, mfonini, video ne ɔdio mu nsɛm a wɔde ahyɛ mu, ne scripts (nhyehyɛe ntiantiaa) a ɛde dwumadiefoɔ nkitahodiɛ a ɛyɛ den di dwuma.
HTML kasa no nso boa hyperlinks (embedded URLs) a ɛma wotumi kɔ wɛb nsɛm afoforɔ so ntɛm ara.[4] Wɛbsaet so akwantu, anaa wɛbsaet so nhwehwɛmu, yɛ adeyɛ a wɔtaa yɛ sɛ wodi hyperlink a ɛte saa akyi wɔ wɛbsaet ahorow pii so. Wɛb aplikeshɔn yɛ wɛb nkratafa a ɛyɛ adwuma sɛ aplikeshɔn software. Wɔde Hypertext Transfer Protocol (HTTP) na ɛde nsɛm a ɛwɔ Wɛbsaet no so no fa Intanɛt so.
Wɛb nneɛma pii a asɛmti koro na ɛtaa so na afei ne domain din yɛ biako na ɛka bom yɛ wɛbsaet. Web server biako betumi ama wɛbsaet ahorow pii, na bere koro no ara wɛbsaet ahorow bi, titiriw nea agye din sen biara no, ebia server ahoroɔ pii na ɛde bɛma.
Nnwumakuo, ahyehyɛde ahoroɔ, aban adwumayɛbea ahoroɔ, ne ankorankoro a wɔde di dwuma pii na wɔde wɛbsaet no so nsɛm bɛgu so; na ɛyɛ nhomasua, anigyede, aguadi, ne aban ho nsɛm pii.
Wiase Nyinaa Wɛbsaet abɛyɛ wiase no mu nsɛm ho nhyehyɛe titiriw.[5] Ɛyɛ adwinnade titiriw a nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa de di dwuma ne Intanɛt di nkitaho.[6][7][8][9]
Tim Berners-Lee na ɔyɛɛ Wɛbsaet wɔ CERN wɔ afe 1989 mu na wobuee ano maa ɔmanfoɔ wɔ afe 1991. Wɔsusuu ho sɛ "amansan nyinaa nsɛm ho nhyehyɛeɛ a ɛka bom".[10]