Nkɔsoɔ a ɛtena hɔ daa(Sustainable development)
From Wikipedia, the free encyclopedia
Nkɔsoɔ a ɛtena hɔ daa yɛ nhyehyeɛ titire bi a ɛwɔ botaeɛ sɛ ɛbɛduru nnipa nkɔsoɔ botaeɛ ho berɛ a ɛrema abɔdeɛ mu nhyehyɛeɛ nso tumi de abɔdeɛ mu nneɛma ne abɔdeɛ a nkwa womu ho dwumadie a ɛhia ma nnipa. Nea wɔpɛ sɛ efiri mu ba ne ɔman a edi nnipa ahiadeɛ ho dwuma a ɛrensɛe planɛte ahodoɔ no mudie mu kura ne abɔdeɛ.[2][3] Nkɔsoɔ a ɛkɔ so daa bɔ mmɔden sɛ ɛbɛkari pɛ wɔ sikasɛm mu nkɔsoɔ, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho banbɔ, ne asetena mu yiedie ntam . Bruntland Ammaneɛbɔ a ɛbaa afe 1987 mu no kyerɛɛ nkɔsoɔ a ɛtena hɔ daa ase sɛ 'nkɔsoɔ a ɛdi mprempren awoɔ ntoatoasoɔ no ahiadeɛ ho dwuma a ɛmma awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba daakye no tumi a wɔde bedi wɔn ankasa ahiadeɛ ho dwuma no nsɛe'.[4][5] Adwene a ɛfa nkɔsoɔ a ɛkɔ so daa ho nnɛ no de n’adwene si sikasɛm mu nkɔsoɔ, asetena mu nkɔsoɔ ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho banbɔ ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba daakye.
subclass of | development |
---|---|
facet of | human development |
has goal | Sustainable Development Goals |
has characteristic | sustainability |
maintained by WikiProject | WikiProject Sustainable Development |
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Wɔde Rio Adeyɛ a wofii ase wɔ 1992 Asaase Nhyiam a wɔyɛe wɔ Rio de Janeiro no dii kan de nkɔso a ɛtena hɔ daa sii hɔ . Wɔ afe 2015 mu no, Amanaman Nkabom Bagua Kɛseɛ (UNGA) gyee Nkɔsoɔ a Ɛkɔ So Daa Botaeɛ(2015 kɔsi 2030) na ɛkyerɛkyerɛɛ sɛdeɛ wɔaka botaeɛ no abom na wɔankyekyɛ mu na ama wɔanya nkɔsoɔ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ wiase nyinaa.[6] UNGA botae ahorow 17 no di wiase nyinaa nsɛnnennen ho dwuma, a ohia, pɛyɛ a enni hɔ, wim nsakrae, nneɛma a nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no, asomdwoe, ne atɛntrenee ka ho.
Nkɔsoɔ a ɛkɔ so daa ne adwene a ɛwɔ mmara mu a ɛne sɛ ɛbɛkɔ so atena hɔ daa no wɔ abusuabɔ . UNESCO hyehyɛɛ nsonsonoeɛ a ɛda adwene mmienu no ntam sɛdeɛ edidi soɔ yi: " Wɔtaa susuw sɛ nneɛma a ɛbɛkɔ so atena hɔ daa no yɛ botae a ɛtra hɔ kyɛ (kyerɛ sɛ wiase a ɛbɛkɔ so atra hɔ daa), bere a nkɔso a ɛtena hɔ daa no kyerɛ akwan ne akwan pii a wɔfa so du ho."[7] Wɔakasa atia adwene a ɛne sɛ nkɔso a ɛtena hɔ daa no wɔ akwan ahodoɔ so. Bere a ebinom hu no sɛ ɛyɛ abirabɔ (anaasɛ ɛyɛ oxymoron) na wobu nkɔsoɔ sɛ nea entumi nkɔ so fi awosu mu no, afoforɔ abam bu wɔ nkɔsoɔ a ennyaa de besi nnɛ no ho.[8] Ɔhaw no fa bi ne sɛ wɔankyerɛkyerɛ "nkɔsoɔ'' ankasa mu bere nyinaa.[9]